Apɔnkye Is A Goat by Pure Akan ft Ayisi | #t001
- Dec 31, 2024
- 7 min read
Updated: Mar 23

Pure Akan is one of Ghana’s most celebrated contemporary artists, known for blending traditional highlife rhythms with modern musical styles. Singing predominantly in Twi, he weaves stories that reflect the struggles, resilience, and cultural pride of the Ghanaian and African people. His 2021 track, “Apɔnkye Is A Goat”, is a standout piece from his album Nyame Mma.
The title, which translates to "A Goat Is A Goat", uses the metaphor of the goat’s stubbornness to symbolize perseverance in the face of challenges. Through poetic storytelling, Pure Akan reminds listeners of the importance of self-reliance, staying true to one’s roots, and honoring family and cultural identity.
Below is the full Twi text of the song, along with its English translation, presented line by line for deeper appreciation.
“Apɔnkye Is A Goat” by Pure Akan ft Ayisi
(Line-by-line translation)
Ɛnyɛ me pɛ ne sɛ w'anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
It’s not my will that You didn't create me to be identical to You
Wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
You made me unique, and that is what makes me beautiful
Apɔnkye yɛ asoɔden
The goat is stubborn
Apɔnkye yɛ asoɔden
The goat is stubborn
Apɔnkye yɛ asoɔden
The goat is stubborn
Apɔnkye ani ɛden
The goat is determined
Mefiri maame yam baa me kwan na menim sɛ
I came from my mother’s womb knowing
Asɛdeɛ ɛda me so no mɛwie ansa Nyame afrɛ me
That I will fulfill my purpose before God calls me
Masi m'adwene pi maboa me ho na obiara nhwɛ me
I have made up my mind. I am prepared and everyone should watch me
M'anim ayɛ kusuu na magya m'abɔdwesɛ
My face is frowned, and I have left my beard to grow out
Daa ananteɛ-ananteɛ me tiri-nhwi amankyere amankyere
Roaming, roaming every day with my mangled hair
Ewia no abɔ me so ma wedeɛ me ho ani nyinaa ayɛ tumm
The sun has shone on me so much that my skin has become black
Ewia ne ba maben ma ɛrehye
Child of the sun. I'm cooked and burning
Babiara mɛfa no biara meporo me ho nson de gu nkyɛn ahh
Everywhere I go I shake off the ashes
Wahwɛ mu afrɛ me sɛ mendi kan me ne moshe
He's looked through the masses and called me to lead: I'm Moses
Mede mo bɛtwa ɛpo kɔkɔɔ no ma obiara nni mo adwen so
I’ll guide you across the red sea, so no one enslaves your minds
Mɛkyerɛ mo sɛ mondua mo aduane na
I’ll tell you to grow your own food
Makyerɛ mmofra no sɛ nokorɛ ne sɛ obiara ntumi nni yɛn so
I’ll teach the children that the truth is no one can dominate us
Ɛnyɛ me pɛ ne sɛ w'anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
It’s not my will that You didn't create me to be identical to you
Wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
You made me unique, and that is what makes me beautiful
Wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
You have picked me to stay behind to take care of home
Sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
That I am the one to ensure your spoken word will come into being
Wahyɛ me sunsum mu kena
You have strengthened my spirit
Wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
If they uproot me thrice I will germinate thrice
Nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me
Whatever happens will go around and return to me
Bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha
Will go and come back to belong to me. His promised land is here
Next verse by Ayisi
Efie na ɛwɔ. Efie na ani ka nti nso hwɛ na pue kɔhwɛ baabi ahunu bi pɛn wɔhɔ yi abue w’ani
Home is where it is. Home is where happiness is but go out and see. Exposure is eye-opening
Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔn fatoho ne Akwasi
Even now their example is the white man
Baabi yɛ nso yɛn nyinaa yɛkɔ hwɛ a hwan na agyina yɛakyi,
Other places are good but if we all go to look who will take care of our home
Ehh wɔguso daa wɔgye nti yɛn soma
Ehh they continue to take daily so let's send some more
Ɔdomfo-kumfo de aniteɛ dɛn nti a
The frenemy is cunning but why
Yɛnka mmɔ mu yi deɛ nea aba ne saa
As we won't unite that is how it will be
Nea ayɛ yi deɛ yɛretena ho bi daa
It's gotten bad but we continue to live with it
Fie na mebɛda ɛhe na ɛkye me
Home is where I sleep. Where is this that is keeping me?
Ɛhe na mekɔɔeɛ a efie reyɛ afe me yi
Where have I gone that my home is starting to miss me?
Tuntum sɛ yoo na m’ani agyina fie Nana
Black fits us. I'm fixated on my home Nana
Mo ma yɛn ani nka ha na yɛntie kasa
Let's appreciate our home and listen
Ɛnyɛ yɛ pɛ
It is not our will
Ɛnyɛ me pɛ ne sɛ w'anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
It’s not my will that You didn't create me to be identical to you
Wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
You made me unique, and that is what makes me beautiful
Wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
You have picked me to stay behind to take care of home
Sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
That I am the one to ensure your spoken word will come into being
Wahyɛ me sunsum mu kena
You have strengthened my spirit
Wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
If they uproot me thrice I will germinate thrice
Nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me
Whatever happens will go around and return to me
Bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha
Will go and come back to belong to me. His promised land is here
Hwɛ hwɛ agya no ankasa nim nea ɛyɛ ma ne mma
Look. Look. The father Himself knows what is good for His children
Nim nea ɛyɛ ma ne mma
Knows what is good for His children
Nim nea ɛyɛ ma ne mma
Knows what is good for His children
Wasoma n’akoa sɛ ɔnbɛka asɛm no ɔnbɛkyɛ asɛm no
He has sent his servant to come preach His word, to come share His word
Nti yɛnya aso ntie ɔsomafoɔ no So let us give a listening ear to His messenger
Mahuri afiri nkoa-hyɛn no mu na maka Abibiman so
I have jumped off the slave ships to stay on African land
Mebɛdua nnua ayɛ afuo aheman mu wɔ asase yi so
I will plant trees and create farms: paradise on earth
Na mafrɛ obiara abusuafoɔ sewaa nna kumaa wɔfaase
And I will call everyone: family, aunties, mothers, in-laws, nephews and nieces
Mommra yɛnto nsa yɛnnidi yɛndɔ yɛn ho ɛ
Come and let's eat together and love one another
Na mawo mma ato apete mato wɔn Abibi din
I will fill the earth with children and give them African names
Maafia Kaakyire Tawiah momma yɛnkɔdi akwaama ɛ
Maafia, Kaakyire, Tawiah let's go on a vacation
Yɛnkɔ babiara yɛfiri yɛnkɔ hwɛ yɛn Nana kurom’
Let's go back to where we are from. Let's go see our grannie's hometown
Na yɛnkɔ mesrem asase so
And let's go to the land of Egypt
Na yɛnkaekae yɛn ho yɛn ahoɔden
And let's remind ourselves of our strength
Nea obiara ayi afiri mu nea obiara atwa agya yɛnfa
We should take the remains of what they took out and what they destroyed
Na yɛn kyerɛkyerɛ nea wiase abɛsua
And let's teach the things the world has learned from us
Nneɛma ɛkɔɔso nyinaa ɛyɛ me ara me fie na efiri
Everything going on in the world started from my own home
Ɛnyɛ me pɛ ne sɛ w'anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
It’s not my will that You didn't create me to be identical to you
Wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
You made me unique, and that is what makes me beautiful
Wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
You have picked me to stay behind to take care of home
Sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
That I am the one to ensure your spoken word will come into being
Wahyɛ me sunsum mu kena
You have strengthened my spirit
Wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
If they uproot me thrice I will germinate thrice
Nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me
Whatever happens will go around and return to me
Bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha
Will go and come back to belong to me. His promised land is here
Ɛnti me maka fie
So I'm staying at home
Menpere nkɔ aburokyire sɛ mekɔ akɔyɛ yie
I won't rush abroad in search of riches
Efie na ɛyɛ dɛ
Home is where it's sweet
Hwɛ me fie fɛfɛ ewia bɔ a bɛhwɛ
Look how beautiful my home is. You should come see it when the sun shines
Yɛn yi mmerewa mfiri fie
We won't send the old out of our homes
Mmofra wɔ asomdwe. Polisi nto wɔn tuo
Children have peace. The police won't shoot at them.
M’ani kum a mekɔ m’abusua fie akɔda
When I'm sleepy I'll go to my family home to sleep
Efie na ɛyɛ dɛ. Dɛn biom na mepɛ
Home is where it's sweet. What else do I want?
Mebɔ me ho mmɔden na matɔ asase
I strive to buy land
Nana Nyame akyɛdeɛ sɛ wawo me ato ha sɛ me nkye m’abusua
It is God's gift that I was born here to establish my family
Nti me nkwa nna nyinaa m’ahoɔden nyinaa
So for all my days and with all my strength
Mede bɛyɛ adwuma ama Nyame ɛna
I will work for God and
Me ne me fie nyinaa yɛbɛkamfo ne din
Me and all my family will praise His name
Through "Apɔnkye Is A Goat", Pure Akan shares a powerful narrative about strength and resilience in the face of life’s struggles. His lyrics, delivered in the rich and poetic Twi language, celebrate cultural pride and a deep connection to the roots of Africa, making this song a timeless anthem for both Ghanaians and global listeners.
Whether you're new to Pure Akan or a long-time fan, this song invites reflection on the values of hard work, perseverance, and the enduring beauty of one’s roots.







Comments